Wogya Me Ho A - Oheneba Kissi

Wogya Me Ho A

Oheneba Kissi

00:00

04:48

Similar recommendations

Lyric

Wogya me hɔ a mɛwu ei

Wogya me hɔ a mɛwu o

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

Wogya me hɔ a mɛwu

Wogya me hɔ a mɛwu ei

Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

Wogya me hɔ a mɛwu

Wogya me hɔ a mɛwu ei

Wogya me hɔ a mɛwu o

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

Wogya me hɔ a mɛwu

Wogya me hɔ a mɛwu ei

Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

Wogya me hɔ a mɛwu

Dear ei, wo ne me nsuo a menom

Wokaa asɛm bi maa no tɔɔ me tiri mu

Maa no yɛɛ me dɛdɛɛdɛ

Ɔdɔ, wo ne me nsuo a menom o

Wokaa asɛm bi too me tiri mu aah

Maa me tiri mu yɛɛ me dɛdɛɛdɛ aah

Sweetie, wosee me sɛ

Sɛneɛ ɔbra no de yɛn bɛsi biara

Wo deɛ wo ne me ara o

Afei nso me ne wo mmienu dɔ no

Akɔyɛ sɛ sumina ne kɔkɔsakyi deɛ no aah

Opuro ne abɛ dɔ

Anaasɛ ɔsɔfoɔ ne nsɛmpaka

Baabi a wobɛhyia baako biara

Na ɔkoro no ka ne ho

Ebi kɔ gya bi a, ɛnyɛ yie

Na adɛn na woreyɛ ayi me ama yi aah?

Na ɔdɔ ei

Wogya me hɔ a mɛwu ei

Wogya me hɔ a mɛwu o

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

Wogya me hɔ a mɛwu

Wogya me hɔ a mɛwu ei

Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

Wogya me hɔ a mɛwu

Na mennim sɛ saa na ɔdɔ teɛ

Obidombie ei, woakyerɛ me aah-eh

Afei na worebɛgya me hɔ anaa?

Ɔdwomtofoɔ bi se, "Ɔdɔ mfitiaseɛ ɛ'fɛ

N'awieɛ na akɔyɛ biribi a ɛwɔ hɔ"

Me ne wo dɔ yi, saa ara na ɛrebɛyɛ anaa?

Merebisa wo

Wose baabi a ɔdɔ wɔ no

Anigyeɛ nko ara o, awerɛhoɔ nni hɔ

Afei deɛ ɛbaa no sɛn ni a

Na woama nisuo afɔ sumiiɛ yi?

Dua korɔ gye mframa a ɛbu

Wogyaa me nansa pɛ yi, meda a menna

Mmm, m'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

Nkɔ nnya me akyiri o, na Afrakomaa ei

Na nka mennim sɛ saa na ɔdɔ teɛ aah

Nanso Obidombie ei, woakyerɛ me aah-eh

Afei na worebɛgya me mu anaa?

Ɔdwomtofoɔ bi se, "Ɔdɔ mfitiaseɛ ɛ'fɛ

N'awieɛ na akɔyɛ biribi a ɛwɔ hɔ"

Me ne wo dɔ yi, saa ara na ɛrebɛyɛ anaa?

Sweetie

Yɛse baabi a ɔdɔ wɔ no

Anigyeɛ nko ara o, awerɛhoɔ nni hɔ

Afei deɛ ɛbaa no sɛn ni a

Na woama nisuo afɔ sumiiɛ yi?

Dua korɔ gye mframa a ɛbu

Wogyaa me nansa pɛ yi, meda a menna

Mmm, m'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

Nkɔ nnya me akyiri o, Afrakomaa ei

(Wogya me hɔ a mɛwu ei) ooh-eee

Wogya me hɔ a mɛwu o

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

(Wogya me hɔ a mɛwu) awerɛhoɔ bɛku me o

Wogya me hɔ a mɛwu ei

Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

(Wogya me hɔ a mɛwu) eh, anyɛ saa a biribi bɛyɛ me aah

(Wogya me hɔ a mɛwu ei) boo, boo, boo-ei

(Wogya me hɔ a mɛwu o) mmm. hmm. hmm

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

(Wogya me hɔ a mɛwu) menni anidasoɔ biara aah

Wogya me hɔ a mɛwu ei

(Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei) agye wo nko ara aah

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

(Wogya me hɔ a mɛwu) ɛnkɔ nnya me akyiri o

Wogya me hɔ a mɛwu ei

Wogya me hɔ a mɛwu o

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

(Wogya me hɔ a mɛwu) ɛmfa biribi ara nyɛ me o

Wogya me hɔ a mɛwu ei

(Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei) yie ei, biribi bɛyɛ me aah

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

(Wogya me hɔ a mɛwu) ɔdɔ ei

(Wogya me hɔ a mɛwu ei) mmm

Wogya me hɔ a mɛwu o

M'awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ

(Wogya me hɔ a mɛwu) Afrakoma ei

Wogya me hɔ a mɛwu ei

Ɔdɔ, na-

- It's already the end -