Akonoba - Kojo Antwi

Akonoba

Kojo Antwi

00:00

06:13

Similar recommendations

Lyric

Ayerɛmo o

Ayerɛmo na twa ayerɛyerɛm yi o

Ositaso nso de awoɔ na ɛnam o

Nti mefrɛ wo a, bra o

Bra ma mengyegye wo so ɛ

Na ntoma yɛ ntomago koraa, ɛno ara na me ne wo bɛfira

Oh, ɔdɔ yɛwu, wo ne me dɔ kakyire, w'akyi no, obiara nni hɔ o

Oh, m'akoma mu kakyire ei, sa adukrom nsuo bɛgu me me nim ɛ

Na ɔdɔ nsukɔm de me

Bra o, bra o, bra o, ɔdɔ ei, bɛ nane w'ano wɔ me tɛkerema ho ei

Ɔdɔ ei, bɛ nane w'ano o, wɔ me tɛkerema ho ei

Na mese me ne wo bɛwo akɔnɔba

Ahh, me ne wo bɛwo akɔnɔba

Ohh, me ne wo bɛwu o

Ohh, me ne wo bɛwo akɔnɔba

Ahh, yɛbɛgoro ama adeɛ akye o

Ɔdɔ, woba a, mɛka wo aseresɛm bi

Mɛto nnwom dɛɛdɛ de adeda wo o, wo dabrɛ ɛne m'akoma mu o

Ɔdomankoma tɔfe a yɛtafere ho yi

Ɛnsa da, ɛne tɛkerɛma ei, ɔdɔ ei, mederetwɛn wo o

Oh, ɔdɔ yɛwu ei, woabie biribi so akyerɛ me ama m'adwen adi kyimhyia

Makyimkym ara, ama no abɛsi wo so ɛ

Annwummire yi, weather no de ne ho aba nti, bɛka me ho hye o

Ɔdɔ yewu ei, bra o

Ɔdɔ ei, bɛ nane w'ano o, wɔ me tɛkerema ho o

Ɔdɔ yɛwu ei, bɛ nane w'ano o, wɔ me tɛkerema ho ei

Na mese me ne wo bɛwo akɔnɔba

Ahh, me ne wo bɛwo akɔnɔba

Ohh, me ne wo bɛwu o

Ohh, me ne wo bɛwo akɔnɔba

Ahh, yɛbɛgoro ama adeɛ akye o

Fa ɔdɔ bɛkata me ho ɛ

Na nsuo a ɛdɔ wo no a, na ɛkɔ w'ahina mu a

Annwummire yi, me ne wo bɛwo akɔnɔba

Na yɛato ne din sɛ, ɔdɔ ba Nyamekyɛ ei

Bɛ nane w'ano o

Oh oh, oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o

Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba ba ba ba

Oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o

Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba

Oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o

Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba

Oh oh, oh oh, ɔdɔ ei, me ne wo bɛwo o

Oh oh, oh oh, ɛnnɛ, me ne wo bɛwo akɔnɔba

Ɔdɔ ei, bɛgye Ɔdomankoma toffee

Ɔdɔ ei, tɔfe Ɔdɔ ei

- It's already the end -